17 Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Hwɛ, me babaa panin Merab+ nie. Ɔno na mede no bɛma wo awareɛ.+ Ɔkokoɔdurofoɔ ara na yɛ ma me, na ko ma Yehowa.”+ Saul deɛ, ɔkaa no ne tirim sɛ: “Meremfa me nsa nka no, Filistifoɔ na wɔn nsa bɛka no.”+
21 Na Saul kaa sɛ: “Mede no bɛma no, na ayɛ no fidie,+ na Filistifoɔ de wɔn nsa aka no.” Enti Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mede mmaa yi mu deɛ ɔtɔ so mmienu no bɛma wo na woabɛyɛ m’ase nnɛ.”