25 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɛnyɛ tiadeɛ+ bi na ɔhene pɛ, na mmom ɔnkɔtwa Filistifoɔ mmarima ɔha dua ano wedeɛ+ mmra, na ɔmfa nni ɔhene atamfo so werɛ.’”+ Nanso na Saul abɔ ne tirim sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ.
9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtia na woayɛ n’ani so bɔne+ yi? Wode nkrantɛ akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfoɔ nkrantɛ na wode kum no.