21Akyire yi, Dawid kɔɔ ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn wɔ Nob.+ Berɛ a Ahimelek+ hunuu Dawid no, ne ho popoeɛ, na ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo nko ara wonam na obiara nka wo ho yi?”+
2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: “Ɔhene na asoma me asɛm bi ho,+ na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mma obiara nnhunu deɛ enti a meresoma woɔ ne ɛho ahyɛdeɛ a mede ama woɔ no ho hwee.’ Na me ne mmeranteɛ no ahyehyɛ sɛ yɛbɛhyia wɔ baabi.