Mmebusɛm 12:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɔkwasea na ɔda n’abufuo adi da no ara,+ na onitefoɔ kata animguaseɛ so.+ Mmebusɛm 14:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ne bo nkyɛre fuo di nkwaseasɛm,+ na onipa a ɔdwene deɛ, wɔtan no.+ Mmebusɛm 26:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mma ɔkwasea mmuaeɛ sɛdeɛ ne nkwaseasɛm teɛ, na woanyɛ sɛ ɔno.+ Romafoɔ 12:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.+