11 Ɔbarima oo, ɔbaa oo, Dawid ankora obiara nkwa so amfa no amma Gat, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Anyɛ a wɔbɛkɔ akɔka deɛ yɛayɛ sɛ, ‘Sei na Dawid ayɛ.’”+ (Nna a ɔde tenaa Filistifoɔ akuraa ase hɔ nyinaa, saa ara na ɔyɛeɛ.)
3 Ɛnna Filistifoɔ akunini no bisaa sɛ: “Na Hebrifoɔ+ yi ɛ?” Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ akunini no sɛ: “Ɛnyɛ Israel hene Saul akoa Dawid a ɔne me atena ha afe anaa mfeɛ mmienu+ no nie? Ɛfiri da a ɔdane baa m’afã de bɛsi nnɛ, menhunuu+ adebɔne biara ne ho.”