1 Samuel 18:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na ɛfiri da no rekorɔ, Saul nyaa Dawid ho adwemmɔne.+ 1 Samuel 18:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na Saul suroo+ Dawid ɛfiri sɛ na Yehowa di n’akyi,+ nso Saul deɛ, na wafiri n’akyi.+ 1 Samuel 20:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Ɛnna Saul too pea sɛ ɔde rewɔ no,+ na Yonatan hunuu sɛ ne papa asi ne bo sɛ ɔbɛku Dawid.+ Dwom 37:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ɔdebɔneyɛfoɔ fa ɔteneneeni ho adwemmɔne,+Na ɔtwɛre ne se gu ne so.+