5 Na Dawid kokɔɔ ɔsa. Baabiara a Saul somaa no no, ɔde nyansa yɛɛ adeɛ,+ enti Saul de no too mmarima akofofoɔ no ano,+ na ɛsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saul nkoa nso ani.
3 Di Yehowa, wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na nante n’akwan so.+ Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmusɛm+ ne n’adansesɛm so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu+ no, na ama woahunu nyansa biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkorɔ;