Deuteronomium 7:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afiri m’akyi akɔsom anyame foforɔ;+ na Yehowa abufuo adɛre mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.+ Mmebusɛm 4:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Bɔ w’akoma ho ban sene deɛ wode sie nyinaa,+ ɛfiri sɛ emu na nkwa nsutire wɔ.+ Hebrifoɔ 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Anuanom, monhwɛ yie na akoma bɔne a ɛnni gyidie amma mo mu biara mu da, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho;+
4 Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afiri m’akyi akɔsom anyame foforɔ;+ na Yehowa abufuo adɛre mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.+
12 Anuanom, monhwɛ yie na akoma bɔne a ɛnni gyidie amma mo mu biara mu da, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho;+