2 Nanso Ɔhene Yehoram babaa Yehoseba+ a ɔyɛ Ahasia nuabaa no faa Ahasia ba Yehoas,+ na ɔwiaa no firii ɔhene mma a na wɔrekunkum wɔn no mu, ɔne ɔbaa a ɔhwɛ no no, na ɔde no kɔhuntaa ɛdan a mpa sisi mu no mu. Wɔde abɔfra no huntaa+ Atalia, enti wɔannya no anku no.