Dwom 33:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Anigyeɛ ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa,+Ɔman a wayi wɔn sɛ n’agyapadeɛ.+ Dwom 135:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Yah ayi Yakob afa,+Na ɔde Israel ayɛ n’agyapadeɛ titire.+ 1 Petro 5:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔwɔ Babilon+ a wɔayi no sɛ mo ara no kyea mo, na saa ara na me ba Marko+ nso kyea mo.