9 Yehowa deɛ, n’ani+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bɛdi ama wɔn a wɔn akoma+ di mu wɔ ne ho. Asɛm yi mu deɛ, woadi nkwaseasɛm,+ na ɛfiri nnɛ rekorɔ, akodie bɛba wo so.”+
11 Sɛ obi kasa a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm kronkron;+ sɛ obi som a,+ ma no nsom sɛ deɛ ɔde ne ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma soɔ;+ na biribiara mu no, yɛnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam.+ Ɔno na animuonyam+ ne ahoɔden wɔ no daa daa. Amen.