Dwom 21:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wode deɛ n’akoma pɛ ama no,+Na woankame no n’ano abisadeɛ.+ Sela. Dwom 66:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Ampa Onyankopɔn atie me;+Wayɛ aso ama me mpaebɔ.+ Mateo 7:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Monkɔ so mmisa,+ na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mobɛhunu; monkɔ so mmom,+ na wɔbɛbue mo. Mateo 21:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na biribiara a mobɛbisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidie a, mo nsa bɛka.”+ 1 Petro 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na Yehowa ani+ wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+ 1 Yohane 5:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ahotɔsoɔ a yɛwɔ wɔ ne mu+ ne sɛ biribiara a yɛbisa sɛdeɛ n’apɛdeɛ teɛ no, ɔtie yɛn.+
12 Na Yehowa ani+ wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+