15 Na Asaf+ mma nnwontofoɔ+ no kɔɔ wɔn nnwuma so sɛdeɛ Dawid+ ne Asaf+ ne Heman+ ne ɔhene dehunufoɔ+ Yedutan+ hyɛeɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ+ no gyinagyinaa apono no nyinaa ano.+ Ná ɛho nhia sɛ wɔgyae wɔn nnwuma, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ no siesiee+ bi maa wɔn.