5 Ma wɔmfa nhyɛ adwumayɛfoɔ no nsa,+ kyerɛ sɛ, wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie hɔ no, na wɔde ama nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ Yehowa fie hɔ no ama wɔde asiesie fie no,+
8 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe+ mu a ɔtee asase no ne fie no ho wieeɛ no, ɔsomaa Asalia ba Safan+ ne amrado Maaseia ne ɔhene krakye Yoahas ba Yoa sɛ wɔnkɔsiesie+ Yehowa, ne Nyankopɔn fie hɔ.