12 “Berɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ de ahunu wɔn dodoɔ+ no, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua biribi ma Yehowa de pata ma ne kra+ na asiane biara anto wɔn berɛ a worekan wɔn no.+
13 Obiara a wɔbɛkan no biara bɛtua dwetɛbena fã, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ.+ Dwetɛbena biara yɛ gerah aduonu. Dwetɛbena fã yi ne ntoboa a wɔbɛyi ama Yehowa.+
16 Na gyegye dwetɛ mpata sika no firi Israelfoɔ no hɔ na fa ma ahyiaeɛ ntomadan no ho som,+ na ɛnyɛ nkaeɛ Yehowa anim mma Israelfoɔ, na wɔmfa mpata mma mo kra.”