1 Berɛsosɛm 9:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Yeinom ne nnwontofoɔ+ no, Lewifoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ a wɔyɛɛ adwuma adidibea+ hɔ no; wɔyii wɔn firii nnwuma foforɔ mu,+ ɛfiri sɛ na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔyɛ wɔn adwuma no awia ne anadwo.+ 1 Berɛsosɛm 15:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ atitire no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofoɔ+ no mfa wɔn nnwontoɔ nneɛma+ mmɛgyinagyina wɔn gyinabea na wɔmfa nto dwom dendeenden mma anigyeɛ mmra, asankuo ahodoɔ+ nyinaa bi, ne nnawuta.+
33 Yeinom ne nnwontofoɔ+ no, Lewifoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ a wɔyɛɛ adwuma adidibea+ hɔ no; wɔyii wɔn firii nnwuma foforɔ mu,+ ɛfiri sɛ na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔyɛ wɔn adwuma no awia ne anadwo.+
16 Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ atitire no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofoɔ+ no mfa wɔn nnwontoɔ nneɛma+ mmɛgyinagyina wɔn gyinabea na wɔmfa nto dwom dendeenden mma anigyeɛ mmra, asankuo ahodoɔ+ nyinaa bi, ne nnawuta.+