16 ɛfiri sɛ moabu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo no so, na moakɔsom anyame foforɔ akɔkoto wɔn.+ Na Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahye koraa afiri asase pa a ɔde ama mo yi so.”+
12 Ɛno nti na Yehowa, Israel, Nyankopɔn aka sɛ, ‘Hwɛ, mede mmusuo reba Yerusalem+ ne Yuda so, na obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mmienu nyinaa mu bɛyɛ no yonn.+