14 Ɛnna Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asiria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: “Mayɛ bɔne. San firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ biara, mɛtua.”+ Enti Asiria hene kaa sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ+ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa.
5 Na ɔne Ammon+ hene dii ako, na akyire yi ɔdii wɔn so nkonim. Saa afe no, Ammonfoɔ maa no dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo+ kor+ mpem du ne atokoɔ+ nso kor mpem du. Saa ara na Ammonfoɔ tua maa no afe a ɛtɔ so mmienu ne afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.+