8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Baako da so wɔ hɔ a yɛbɛtumi afa ne so abisa Yehowa,+ nanso me deɛ, mempɛ n’asɛm+ koraa ɛfiri sɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa bi da, na bɔne nko ara+ na ɔka. Ɔne Yimla ba Mikaia.” Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”+