10 Na sɛdeɛ osuo ne sukyerɛmma firi soro tɔ gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asase ma nneɛma fifi na ɛso,+ na ogufoɔ nya aba na odifoɔ nya aduane no,+
22 Amanaman no abosonhuhuo+ no bi bɛtumi atɔ nsuo? Na ɔsoro ankasa bɛtumi ama asusɔ atue?+ O Yehowa yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo anaa?+ Wone yɛn anidasoɔ, ɛfiri sɛ wo na woayɛ yeinom nyinaa.+