17 Na Elisa bɔɔ mpaeɛ+ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani+ na ɔnhunu.” Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfoɔ no ani, na ɔhunuu deɛ ɛrekɔ soɔ; ɔbɛhwɛ a, egya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔ no so mã atwa Elisa ho nyinaa ahyia yi.+
11 Na Petro ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: “Afei na mahunu paa sɛ Yehowa na ɔsomaa ne bɔfoɔ+ bɛyii+ me firii Herode nsam ne deɛ na Yudafoɔ no ani da soɔ nyinaa mu.”