Dwom 55:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amena mu tɔnn.+Mogyapɛfoɔ ne nkontompofoɔ renni wɔn nna mu fã.+Na me deɛ, mede me ho bɛto wo so.+ Mmebusɛm 12:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Nokorɛ ano+ na ɛbɛtim,+ na atorɔ kɛtrɛma deɛ, ɛrenni gyina.+ Mmebusɛm 15:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Yehowa bɛdwiri ahantanfoɔ fie,+ na ɔbɛma okunafoɔ hyeɛ atim.+ Mmebusɛm 19:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɔdansekunumufoɔ remfa ne ho nni,+ na deɛ ɔkeka atosɛm bɛyera.+
23 Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amena mu tɔnn.+Mogyapɛfoɔ ne nkontompofoɔ renni wɔn nna mu fã.+Na me deɛ, mede me ho bɛto wo so.+