1 Samuel 17:45 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 45 Ɛnna Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ+ na ɛreba me soɔ, na me deɛ, mede asafo Yehowa,+ Israel mpasua no Nyankopɔn a woasopa+ no no din na ɛreba wo soɔ. Dwom 18:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Yehowa ne me botan ne m’abandenden ne me Gyefoɔ.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na medwane metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.+ Mmebusɛm 18:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Abandenden ne Yehowa din.+ Emu na ɔteneneeni dwane korɔ, na ɔnya ahobammɔ.+
45 Ɛnna Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ+ na ɛreba me soɔ, na me deɛ, mede asafo Yehowa,+ Israel mpasua no Nyankopɔn a woasopa+ no no din na ɛreba wo soɔ.
2 Yehowa ne me botan ne m’abandenden ne me Gyefoɔ.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na medwane metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.+