1 Samuel 2:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɔbɔ n’anokwafoɔ nan ho ban,+Na nnebɔneyɛfoɔ deɛ, esum mu na wɔbɛma wɔaka wɔn ano atom,+Ɛfiri sɛ ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nkonim.+ Dwom 62:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ampa ara ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abantenten;+Merenhinhim da.+ Dwom 94:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Sɛ meka sɛ: “Me nan bɛwatiri”+ a,O Yehowa, w’adɔeɛ na ɛwowa me.+ Dwom 121:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔremma wo nan nsunti da.+Deɛ ɔwɛn woɔ no, ɔrentɔ nko.+
9 Ɔbɔ n’anokwafoɔ nan ho ban,+Na nnebɔneyɛfoɔ deɛ, esum mu na wɔbɛma wɔaka wɔn ano atom,+Ɛfiri sɛ ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nkonim.+