3 Nnipa buu no animtia, na wɔpoo no;+ ɔyɛ onipa a ɔhunuu yea na ɔnim yareɛ.+ Na yɛde yɛn anim huntaeɛ na n’ani antɔ yɛn anim.+ Nnipa buu no animtia, na yɛamfa no anyɛ hwee.+
2 na yɛnnyene yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene+ ne yɛn gyidie Wiefoɔ+ Yesu. Anigyeɛ a na ɛda n’anim nti, ɔhunuu asɛndua ho amane+ buu n’ani guu aniwuo so, na wakɔtena Onyankopɔn ahennwa no nifa.+