34 “Babilon hene Nebukadresar amene me;+ wama m’adwene atu afra. Ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu. Wamene me sɛ ɔwɔ kɛseɛ bi;+ ɔde m’adepa ahyɛ ne yafunu ma. Wahohoro me kɔ.
9 Enti wɔtoo ɔtweaseɛ+ kɛseɛ no tweneeɛ, ɔwɔ+ dada no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam+ ne Satan+ a ɔredaadaa asase sofoɔ nyinaa no;+ wɔtoo no twenee asase so,+ na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho guiɛ.