15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na nne akɛseɛ gyegyee soro sɛ: “Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”+
6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipakuo kɛseɛ bi nne ne nsuo pii ne aprannaa a ano yɛ den nnyegyeeɛ. Wɔkaa sɛ: “Monyi Yah ayɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ no afiri aseɛ redi hene.+