9 “Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔsisii adwa,+ na Deɛ ne nna akyɛ+ no bɛtenaa ase. N’atadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne tiri nwi te sɛ odwanten nwi fitafita.+ N’adwa yɛ gyaframa ara nko,+ na ne ntwahonan yɛ egya a ɛrefram.+
15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na nne akɛseɛ gyegyee soro sɛ: “Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”+