2 Samuel 22:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Yehowa tua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ;+Sɛdeɛ me nsa ho teɛ na ɔtua me ka.+ Yohane 7:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Deɛ ɔno ara bɔ ne tirim kasa no hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam+ no, ɔyɛ nokwafoɔ na deɛ ɛntene biara nni ne mu. Romafoɔ 10:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na Mose twerɛɛ sɛ onipa a ɔyɛ adetenenee wɔ Mmara no mu no nam so bɛnya nkwa.+ 1 Yohane 3:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu,+ ɛfiri sɛ N’aba te onii no mu, na ɔntumi ntena bɔne mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wawo no.+
18 Deɛ ɔno ara bɔ ne tirim kasa no hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam+ no, ɔyɛ nokwafoɔ na deɛ ɛntene biara nni ne mu.
9 Obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu,+ ɛfiri sɛ N’aba te onii no mu, na ɔntumi ntena bɔne mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wawo no.+