17 “Sɛ ɔkra bi ani nni ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ sɛ obiara nnyɛ no bi a, ɛwom sɛ ɔnnim+ deɛ, nanso asodie da ne so, na ɔbɛsoa ne bɔne.+
6Anuanom, sɛ ɛba mpo sɛ obi di mfomsoɔ+ ansa na n’ani aba ne ho so a, mo a moyɛ Kristofoɔ a mo ho akokwa*+ no, mommɔ mmɔden nnye onipa a ɔte saa no nsi yie ɔdwoɔ honhom mu,+ berɛ a mohwɛ mo ho so yie,+ na wɔansɔ mo nso anhwɛ.+
13 ɛwom, berɛ bi a atwam no na meyɛ mmusubɔfoɔ, metaa nkurɔfoɔ,+ na meyɛɛ aniammɔnho.+ Nanso wɔhuu me mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ na mennim deɛ mereyɛ,+ na gyidie a na mennie nti na meyɛɛ saa.