Deuteronomium 4:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Hwɛ, mama moahunu ahyɛdeɛ+ ne atemmusɛm+ yi sɛdeɛ Yehowa me Nyankopɔn hyɛɛ me no na moayɛ no saa ara wɔ asase a morekɔfa no so. Deuteronomium 33:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ma wɔmfa w’atemmusɛm nkyerɛkyerɛ Yakob+Na wɔmfa wo mmara nkyerɛkyerɛ Israel.+Ma wɔnhye aduhwam wo hwene ano pɛɛ,+Na wɔmmɔ afɔdeɛ mũ w’afɔrebukyia so.+ Yesaia 48:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ Yehowa, wo Gyefoɔ,+ Israel Kronkronni no,+ seɛ nie: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ wo adeɛ a ɛyɛ ma woɔ,+ deɛ ɔgya wo fa ɛkwan a ɛsɛ sɛ wofa soɔ no so.+
5 Hwɛ, mama moahunu ahyɛdeɛ+ ne atemmusɛm+ yi sɛdeɛ Yehowa me Nyankopɔn hyɛɛ me no na moayɛ no saa ara wɔ asase a morekɔfa no so.
10 Ma wɔmfa w’atemmusɛm nkyerɛkyerɛ Yakob+Na wɔmfa wo mmara nkyerɛkyerɛ Israel.+Ma wɔnhye aduhwam wo hwene ano pɛɛ,+Na wɔmmɔ afɔdeɛ mũ w’afɔrebukyia so.+
17 Deɛ Yehowa, wo Gyefoɔ,+ Israel Kronkronni no,+ seɛ nie: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ wo adeɛ a ɛyɛ ma woɔ,+ deɛ ɔgya wo fa ɛkwan a ɛsɛ sɛ wofa soɔ no so.+