Dwom 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 O Yehowa, anɔpa wobɛte me nne;+Mɛka m’asɛm akyerɛ wo anɔpa na matwɛn.+ Dwom 88:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 O Yehowa, wo na mesu mefrɛ woɔ,+Na anɔpa biara, me mpaebɔ pue w’anim.+ Marko 1:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Na anɔpatutuutu a animu nteteeɛ no, ɔsɔre firii adi kɔɔ baabi a obiara nnie,+ na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ+ wɔ hɔ.
35 Na anɔpatutuutu a animu nteteeɛ no, ɔsɔre firii adi kɔɔ baabi a obiara nnie,+ na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ+ wɔ hɔ.