1 Samuel 16:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wobɛdi Saul ho awerɛhoɔ akɔsi da bɛn,+ berɛ a mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene no?+ Fa ngo+ gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene.”+ 1 Ahemfo 11:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a m’akoa Dawid bɛnya kanea daa m’anim wɔ Yerusalem,+ kuro a mayi de me din ato soɔ+ no mu nti, mede abusuakuo baako bɛma ne ba. 1 Ahemfo 15:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Dawid nti,+ Yehowa, ne Nyankopɔn maa no nyaa kanea+ wɔ Yerusalem berɛ a ɔmaa ne ba so wɔ n’akyi no, na ɔmaa Yerusalem gyinaeɛ,+ 2 Berɛsosɛm 21:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie,+ ɛfiri sɛ na ɔne Dawid ayɛ apam,+ na waka sɛ ɔbɛma ɔno+ ne ne mma anya kanea daa.+
16 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wobɛdi Saul ho awerɛhoɔ akɔsi da bɛn,+ berɛ a mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene no?+ Fa ngo+ gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene.”+
36 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a m’akoa Dawid bɛnya kanea daa m’anim wɔ Yerusalem,+ kuro a mayi de me din ato soɔ+ no mu nti, mede abusuakuo baako bɛma ne ba.
4 Dawid nti,+ Yehowa, ne Nyankopɔn maa no nyaa kanea+ wɔ Yerusalem berɛ a ɔmaa ne ba so wɔ n’akyi no, na ɔmaa Yerusalem gyinaeɛ,+
7 Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie,+ ɛfiri sɛ na ɔne Dawid ayɛ apam,+ na waka sɛ ɔbɛma ɔno+ ne ne mma anya kanea daa.+