Dwom 58:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Nnebɔneyɛfoɔ yɛ akɔntɔnkyefoɔ firi awotwaa mu;+Wɔyera kwan firi yafunu mu tɔnn;Wɔdi atorɔ.+ Mmebusɛm 22:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho;+ ntenesoɔ abaa na ɛbɛyi afiri ne ho akɔ akyirikyiri.+ Mateo 7:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Saa nso na dua pa biara so aba pa, na dua bɔne biara so aba bɔne;+ Luka 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Yehowa anim.+ Nanso ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa ne nsãden biara,+ na honhom kronkron bɛyɛ no mã firi ne maame yafunu mu pɛɛ;+
15 ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Yehowa anim.+ Nanso ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa ne nsãden biara,+ na honhom kronkron bɛyɛ no mã firi ne maame yafunu mu pɛɛ;+