1 Samuel 24:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛgyina Yehowa anim ayɛ adeɛ a ɛte saa atia me wura a Yehowa asra no+ na matene me nsa aka no, ɛfiri sɛ Yehowa asra no.”+ Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri. 1 Petro 2:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Monni nnipa nyinaa ni,+ monnɔ anuanom nyinaa,+ monsuro Nyankopɔn,+ monni ɔhene ni.+
6 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛgyina Yehowa anim ayɛ adeɛ a ɛte saa atia me wura a Yehowa asra no+ na matene me nsa aka no, ɛfiri sɛ Yehowa asra no.”+