Deuteronomium 7:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Sɛ motie atemmusɛm yi na modi so a,+ Yehowa mo Nyankopɔn nso bɛdi apam+ ne adɔeɛ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+ Dwom 37:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi,+Na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.+ Dwom 37:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Yehowa nim wɔn a wɔdi mũ no nkwa nna,+Na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.+ Dwom 37:37 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 37 Hwɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ deɛ ɔtene;+Saa onipa no awieeɛ yɛ asomdwoeɛ.+ Dwom 84:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Yehowa Nyankopɔn yɛ awia+ ne kyɛm;+Adom ne animuonyam na ɔde ma.+Yehowa deɛ, ɔremfa adepa biara nkame wɔn a wɔnante teeyɛ mu no.+ Mmebusɛm 15:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɔteneneeni fie wɔ akoradeɛ pii,+ na ɔbɔnefoɔ aba deɛ, ɛde mmusuo ba.+
12 “Sɛ motie atemmusɛm yi na modi so a,+ Yehowa mo Nyankopɔn nso bɛdi apam+ ne adɔeɛ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+
11 Yehowa Nyankopɔn yɛ awia+ ne kyɛm;+Adom ne animuonyam na ɔde ma.+Yehowa deɛ, ɔremfa adepa biara nkame wɔn a wɔnante teeyɛ mu no.+