Dwom 10:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ntanka ne nnaadaa ne amimdie ahyɛ n’anom ma.+Ɔhaw ne bɔne hyɛ ne kɛtrɛma ase.+ Mateo 12:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Nhuritia mma,+ mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛyɛ berɛ a moyɛ abɔnefoɔ?+ Ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã no na ano ka.+ Asomafoɔ Nnwuma 20:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm+ de atwe asuafoɔ no adi wɔn akyi.+ Yakobo 3:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Kɛtrɛma yɛ egya.+ Kɛtrɛma yɛ nipadua kwaa a amumuyɔ ahyɛ no mã, ɛfiri sɛ ɛde nkekaeɛ ba nipadua no nyinaa ho+ na ɛde egya to asetena kwan nyinaa mu, na Gehenna na ɛsɔ gya no.
34 Nhuritia mma,+ mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛyɛ berɛ a moyɛ abɔnefoɔ?+ Ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã no na ano ka.+
6 Kɛtrɛma yɛ egya.+ Kɛtrɛma yɛ nipadua kwaa a amumuyɔ ahyɛ no mã, ɛfiri sɛ ɛde nkekaeɛ ba nipadua no nyinaa ho+ na ɛde egya to asetena kwan nyinaa mu, na Gehenna na ɛsɔ gya no.