Deuteronomium 25:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 “Mfa nkariboɔ ahodoɔ mmienu,+ kɛseɛ ne ketewa, nhyɛ wo kotokuo mu. Mmebusɛm 20:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Nkariboɔ ahodoɔ mmienu ne efa susudeɛ ahodoɔ mmienu+—ne nyinaa yɛ Yehowa akyiwadeɛ.+ Mika 6:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nsania bɔne ne bɔtɔwa a nkontompo nkariboɔ wom bɛma me ho ate anaa?+