5 Nanso sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no anaa ntam a waka de atua ne ho biribi no na da no wampene so a, ɛrennyina, na Yehowa de bɛfiri no, ɛfiri sɛ ne papa ampene so.+
24 Saa da no, na Israel mmarima abrɛ, nanso Saul kaa ntam+ guu ɔman no so sɛ: “Ɔbarima a wantwɛn ankɔsi sɛ mɛtɔ m’atamfo so werɛ na ɔbɛdidie ansa na nwunu adwoɔ no, nnome nka no!”+ Na ɔmanfoɔ no biara amfa aduane anka n’ano.+