8 Obi wɔ hɔ a obiara nka ne ho;+ ɔnni ba, na ɔnni onua biara,+ nanso ɔyɛ adwumaden a, ɔnnyae da. Na ahonyadeɛ biara nsɔ n’ani:+ “Na hwan koraa na merebrɛ ama no, a ne nti mede nneɛma pa rekame me kra yi?”+ Yei nso yɛ ahuhudeɛ; ɛyɛ ɔbrɛdwuma.+
24 “Obiara ntumi nsom awuranom mmienu; ɛfiri sɛ sɛ wantan baako na wannɔ ɔfoforɔ+ no a, ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyadeɛ.+
15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yie wɔ anibereɛ+ biara ho, ɛfiri sɛ sɛ onipa nya ma no bu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fire.”+