Mmebusɛm 1:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Saa na obiara a ɔpɛ mfaso bɔne+ no akwan teɛ. Ɛma wɔn kra firi wɔn nsa.+ Mmebusɛm 11:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame adeɛ, nanso hia ara na ɛhia no.+ Mmebusɛm 11:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ soɔ no—ɔno na ɔbɛhwe aseɛ;+ na ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ ahahammono.+ Luka 12:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademudeɛ fa nanso ɔnyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn fam no teɛ.”+ Yakobo 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen asɛe, na nnaakyen no bɛyɛ adanseɛ atia mo na ɛbɛdi mo nam. Biribi a ɛte sɛ egya+ na moakora so+ wɔ nna a ɛdi akyire no mu.+
28 Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ soɔ no—ɔno na ɔbɛhwe aseɛ;+ na ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ ahahammono.+
3 Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen asɛe, na nnaakyen no bɛyɛ adanseɛ atia mo na ɛbɛdi mo nam. Biribi a ɛte sɛ egya+ na moakora so+ wɔ nna a ɛdi akyire no mu.+