Hiob 10:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wode wedeɛ ne honam duraa me ho,Na wode nnompe ne ntini nwenee me boom.+ Dwom 139:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Wo na woyɛɛ m’asaabo;+Wode me siee me maame yam.+ Dwom 139:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Me nnompe anhunta wo+Berɛ a woyɛɛ me ahuntaeɛ mu,+Berɛ a wonwenee me asase yam tɔnn+ no. Yeremia 1:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 “Berɛ a mennya nyɛɛ wo ɔyafunu+ mu no, na meni wo,+ na wonnya mfirii awotwaa mu mmaeɛ no na metee wo ho.+ Mede wo yɛɛ odiyifoɔ maa amanaman no.”
5 “Berɛ a mennya nyɛɛ wo ɔyafunu+ mu no, na meni wo,+ na wonnya mfirii awotwaa mu mmaeɛ no na metee wo ho.+ Mede wo yɛɛ odiyifoɔ maa amanaman no.”