Hiob 31:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛnneɛ ma me yere nyam mma ɔbarima foforɔ,Na mmarima foforɔ mmu nkotodwe wɔ ne so.+ Yesaia 47:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Fa oyuyammoɔ+ na yam ayuo. Yi wo nkatanimu,+ na yi w’atadeɛ+ ma wo nan ho nna hɔ.+ Afei twa asuo. Mateo 24:41 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 mmaa mmienu bɛyam adeɛ oyuyammoɔ so:+ wɔbɛfa baako agya baako.+