Deuteronomium 32:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Mɛbɔ Yehowa din.+Montontom yɛn Nyankopɔn!+ 1 Berɛsosɛm 29:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛnna Dawid hyiraa+ Yehowa wɔ badwa+ no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, yɛn agya Israel+ Nyankopɔn, nhyira nka wo+ daa daa. Dwom 25:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Hwan na ɔsuro Yehowa?+Ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ no ɛkwan a ɔbɛfa soɔ.+ Yesaia 61:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yehowa mu na mɛdi ahurisie,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani bɛgyeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me,+ na ɔde tenenee batakari awura me+ te sɛ ayeforɔkunu a wabɔ n’abotire sɛ ɔsɔfoɔ,+ te sɛ ayeforɔ a ɔde n’agudeɛ ahyehyɛ ne ho.+
10 Ɛnna Dawid hyiraa+ Yehowa wɔ badwa+ no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, yɛn agya Israel+ Nyankopɔn, nhyira nka wo+ daa daa.
10 Yehowa mu na mɛdi ahurisie,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani bɛgyeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me,+ na ɔde tenenee batakari awura me+ te sɛ ayeforɔkunu a wabɔ n’abotire sɛ ɔsɔfoɔ,+ te sɛ ayeforɔ a ɔde n’agudeɛ ahyehyɛ ne ho.+