Deuteronomium 32:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa tene.+Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.+ Dwom 18:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Hwan ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+Na hwan ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+ Dwom 95:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 95 Mommra ɛ, momma yɛnto ahurisi dwom mma Yehowa!+Momma yɛmmɔ yɛn nkwagyeɛ Botan no ose.+ Yesaia 26:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Momfa mo ho nto Yehowa so daa,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa mu na yɛn daa Botan+ wɔ.
4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa tene.+Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.+