Dwom 72:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Asase no so nnɔbaeɛ bɛdɔɔso;+Ɛbɛbu so akɔduru mmepɔ atifi,+Ɔhene no nnɔbaeɛ bɛyɛ sɛ Lebanon deɛ,+Na kuro no mufoɔ bɛyɛ frɔmm sɛ asase so afifideɛ.+ Yesaia 60:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 “Lebanon animuonyam nyinaa bɛba wo so, na ɔpopaw dua ne ɔsɛsɛ ne kwabɔhorɔ nyinaa bɛba prɛko+ ama me kronkronbea ayɛ fɛ;+ na mɛhyɛ me nan sibea animuonyam.+ Yesaia 61:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 wasoma me sɛ memfa abotire mma wɔn a wɔredi Sion ho awerɛhoɔ no mfa nsi nsõ ananmu,+ ahurisie ngo+ nsi awerɛhoɔ ananmu, ayeyie atadeɛ nsi abasamtuo honhom ananmu.+ Na wɔbɛfrɛ wɔn tenenee nnua akɛseɛ,+ deɛ Yehowa no ara atɛ+ sɛ ɔde bɛhyɛ ne ho animuonyam.+ Hosea 14:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ne mman bɛdendan, na n’animuonyam ayɛ sɛ ngodua,+ na ayi hwa sɛ Lebanon.
16 Asase no so nnɔbaeɛ bɛdɔɔso;+Ɛbɛbu so akɔduru mmepɔ atifi,+Ɔhene no nnɔbaeɛ bɛyɛ sɛ Lebanon deɛ,+Na kuro no mufoɔ bɛyɛ frɔmm sɛ asase so afifideɛ.+
13 “Lebanon animuonyam nyinaa bɛba wo so, na ɔpopaw dua ne ɔsɛsɛ ne kwabɔhorɔ nyinaa bɛba prɛko+ ama me kronkronbea ayɛ fɛ;+ na mɛhyɛ me nan sibea animuonyam.+
3 wasoma me sɛ memfa abotire mma wɔn a wɔredi Sion ho awerɛhoɔ no mfa nsi nsõ ananmu,+ ahurisie ngo+ nsi awerɛhoɔ ananmu, ayeyie atadeɛ nsi abasamtuo honhom ananmu.+ Na wɔbɛfrɛ wɔn tenenee nnua akɛseɛ,+ deɛ Yehowa no ara atɛ+ sɛ ɔde bɛhyɛ ne ho animuonyam.+