Yesaia 35:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Nsa a emu agoɔ no, monhyɛ no den; nkotodwe a ahodwo no, mommia mu.+ Yesaia 49:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurisie.+ Mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose,+ ɛfiri sɛ Yehowa akyekyere ne manfoɔ werɛ,+ na ɔhu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+ Yesaia 51:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yehowa bɛkyekyere Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekyere n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne serɛ ayɛ sɛ Eden+ na n’anwea pradaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigyeɛ ne ahurisie, aseda ne dwontoɔ bɛyɛ no mã.+ Sakaria 1:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna Yehowa de anigyesɛm ne awerɛkyekyesɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.+ 2 Korintofoɔ 1:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya+ ne ne Nyankopɔn a ɔyɛ ahummɔborɔ+ Agya ne awerɛkyekyerɛ+ nyinaa Nyankopɔn,
13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurisie.+ Mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose,+ ɛfiri sɛ Yehowa akyekyere ne manfoɔ werɛ,+ na ɔhu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+
3 Yehowa bɛkyekyere Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekyere n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne serɛ ayɛ sɛ Eden+ na n’anwea pradaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigyeɛ ne ahurisie, aseda ne dwontoɔ bɛyɛ no mã.+
3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya+ ne ne Nyankopɔn a ɔyɛ ahummɔborɔ+ Agya ne awerɛkyekyerɛ+ nyinaa Nyankopɔn,