8 Ɛkwan bi, kwantempɔn bi bɛda hɔ;+ na wɔbɛfrɛ no Ɛkwan Kronkron.+ Na deɛ ne ho nteɛ remfa so.+ Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no soɔ na wɔbɛfa soɔ, na nkwaseafoɔ remfa so.
3“Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ+ adi m’anim abɛsiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafoɔ a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfoɔ+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirem. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na aka.+