46 Ɛnnɛ da yi, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mɛku wo na matwa wo tiri afiri so, na mede Filistifoɔ dɔm no afunu bɛma wiem nnomaa ne asase so mmoa+ nnɛ, na asase so aman nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+
11 “Ɛfiri awiapueeɛ kɔsi awiatɔeɛ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhye afɔrebɔdeɛ+ ama me din wɔ baabiara, ayɛyɛdeɛ ne akyɛdeɛ a ɛho teɛ,+ ɛfiri sɛ me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ aman nyinaa mu,”+ Asafo Yehowa na aka.