43 wo ara firi ɔsoro, wo tenabea+ hɔ tie na yɛ ɔhɔhoɔ no abisadeɛ a ɔde to w’anim nyinaa ma no,+ na ama asase so aman nyinaa ahunu wo din+ na wɔasuro wo sɛdeɛ wo man Israel suro woɔ no, na wɔahunu sɛ wo din na ɛda efie a masie yi soɔ.+
36 Berɛ a aduane afɔdeɛ berɛ+ duruiɛ no, Elia twe bɛn afɔrebukyia no, na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Abraham+ ne Isak+ ne Israel+ Nyankopɔn, ɛnnɛ ma wɔnhunu sɛ wone Onyankopɔn wɔ Israel,+ na me nso meyɛ w’akoa, na w’asɛm+ so na menam ayɛ yeinom nyinaa.
29 Na mehyɛ mmara+ sɛ aman, nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ nyinaa mu no, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa ne mu asinasini,+ na wɔadane ne fie agyananbea,+ ɛfiri sɛ onyame bi nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa sɛ oyi.”+